Nnwom 59:13
Psalms 59:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
Psalms 59:13 in English
Psalms 59:13 · Berean Standard Bible
Consume them in wrath; consume them till they are no more, so it may be known to the ends of the earth that God rules over Jacob. Selah
Context
11Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm,
na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn.
Wo tumi mu no ma wɔnnantenante,
na brɛ wɔn ase. 12Bɔne a ɛfiri wɔn anomu,
ne wɔn ano nsɛm enti
ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn.
Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti, 13sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu,
kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.
Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu
sɛ Onyankopɔn di Yakob so. 14Wɔsane ba anwummerɛ,
wɔpɔ so sɛ nkraman
na wɔkyinkyin kuropɔn no mu. 15Wɔkyinkyini pɛ aduane
na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.