Nnwom 5:9
Psalms 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
Psalms 5:9 in English
Psalms 5:9 · Berean Standard Bible
For not a word they speak can be trusted; destruction lies within them. Their throats are open graves; their tongues practice deceit.*
Context
7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,
mɛba wo fie;
na anidie mu na mɛkoto
akyerɛ wʼasɔredan kronkron no. 8Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan
wɔ wo tenenee mu
mʼatamfoɔ enti,
bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim. 9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;
ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.
Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue
wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. 10Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!
Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.
Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,
ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo. 11Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;
ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.
Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so,
na wɔn a wɔdɔ wo din no
ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.