Nnwom 49:5
Psalms 49:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia,
Psalms 49:5 in English
Psalms 49:5 · Berean Standard Bible
Why should I fear in times of trouble, when wicked usurpers surround me?
Context
3Mʼano bɛka anyansasɛm;
nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu. 4Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm;
na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase. 5Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne,
ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia, 6wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ
na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho? 7Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa
na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.