Nnwom 49:12
Psalms 49:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara.
Psalms 49:12 in English
Psalms 49:12 · Berean Standard Bible
But a man, despite his wealth, cannot endure; he is like the beasts that perish.
Context
10Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu;
saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo
na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ. 11Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ.
Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu,
wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi. 12Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa;
ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara. 13Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die,
ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ. 14Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu,
na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane.
Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa;
wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu,
na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.