Native Bible

Psalms 45:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.

Psalms 45:15 in English

Psalms 45:15 · Berean Standard Bible

They are led in with joy and gladness; they enter the palace of the king.

Context

13Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu. 14Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. 15Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie. 16Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. 17Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.