Nnwom 44:15
Psalms 44:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa, na aniwuo akata mʼanim
Psalms 44:15 in English
Psalms 44:15 · Berean Standard Bible
All day long my disgrace is before me, and shame has covered my face,
Context
13Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ,
animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia. 14Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu
na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so. 15Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa,
na aniwuo akata mʼanim 16ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,
ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti. 17Yeinom nyinaa too yɛn deɛ,
nanso yɛn werɛ mfirii wo,
na yɛmmuu wʼapam no nso so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.