Nnwom 43:2
Psalms 43:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?
Psalms 43:2 in English
Psalms 43:2 · Berean Standard Bible
For You are the God of my refuge. Why have You rejected me? Why must I walk in sorrow because of the enemy’s oppression?
Context
1Ao Onyankopɔn, bu me bem,
na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me;
gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam. 2Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden.
Adɛn enti na woapo me?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo
mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti? 3Soma wo hann ne wo nokorɛ
ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan;
ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so,
faako a woteɛ hɔ. 4Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim
mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn.
Mede sankuo bɛyi wo ayɛ,
Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.