Nnwom 39:4
Psalms 39:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ ne me nna dodoɔ; ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.
Psalms 39:4 in English
Psalms 39:4 · Berean Standard Bible
“Show me, O LORD, my end and the measure of my days. Let me know how fleeting my life is.
Context
2Nanso brɛ a meyɛɛ komm
a manka asɛm papa biara mpo no
mʼapinisie mu yɛɛ den. 3Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu
na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu
na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ: 4“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ
ne me nna dodoɔ;
ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so. 5Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ;
na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so.
Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ. 6Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa;
ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa;
ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.