Nnwom 37:36
Psalms 37:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio; mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.
Psalms 37:36 in English
Psalms 37:36 · Berean Standard Bible
yet he passed away and was no more; though I searched, he could not be found.
Context
34Montwɛn Awurade
na monhwɛ nʼakwan.
Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;
sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu. 35Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa
sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ, 36nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio;
mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no. 37Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene;
na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye. 38Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa;
na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.