Native Bible

Psalms 37:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn,

Psalms 37:32 in English

Psalms 37:32 · Berean Standard Bible

Though the wicked lie in wait for the righteous, and seek to slay them,

Context

30Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene. 31Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu; ne nan nnwatiri. 32Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn, 33nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ. 34Montwɛn Awurade na monhwɛ nʼakwan. Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.