Native Bible

Psalms 37:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua, nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma;

Psalms 37:21 in English

Psalms 37:21 · Berean Standard Bible

The wicked borrow and do not repay, but the righteous are gracious and giving.

Context

19Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ. Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so. 20Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera. Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren; wɔbɛtu ayera sɛ wisie. 21Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua, nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma; 22Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so, na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu. 23Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntuo si pi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.