Native Bible

Psalms 34:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.

Psalms 34:20 in English

Psalms 34:20 · Berean Standard Bible

He protects all his bones; not one of them will be broken.*

Context

18Awurade bɛn wɔn a wɔapa aba na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa. 19Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree nanso Awurade gye no firi ne nyinaa mu; 20ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛdeɛ emu baako mpo mmu. 21Bɔne bɛkum ɔdebɔneyɛfoɔ; ɔteneneeni atamfoɔ bɛnya afɔbuo. 22Awurade gye nʼasomfoɔ nkwa; wɔn a wɔdwane toa noɔ no mu biara renkɔ afɔbuo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.