Nnwom 32:7
Psalms 32:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.
Psalms 32:7 in English
Psalms 32:7 · Berean Standard Bible
You are my hiding place. You protect me from trouble; You surround me with songs of deliverance. Selah
Context
5Afei, megyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumuyɛ so.
Mekaa sɛ, “Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,”
na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me. 6Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ
ɛberɛ a wɔhunu woɔ;
ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,
ɛrenka no. 7Wone me hintabea;
wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu
na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia. 8Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ
mɛtu wo fo na mahwɛ wo so. 9Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a
ɔnni nteaseɛ enti
wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no
sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.