Native Bible

Psalms 26:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

Psalms 26:10 in English

Psalms 26:10 · Berean Standard Bible

in whose hands are wicked schemes, whose right hands are full of bribes.

Context

8Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade, baabi a wʼanimuonyam wɔ no. 9Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ. Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho, 10wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma. 11Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. 12Me nan sisi asase tamaa so; na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.