Nnwom 24:5
Psalms 24:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
Psalms 24:5 in English
Psalms 24:5 · Berean Standard Bible
He will receive blessing from the LORD and vindication from the God of his salvation.
Context
3Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no?
Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? 4Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ,
deɛ ne kra nni ahoni akyi
na ɔnnka ntanhunu. 5Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira
ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn. 6Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ,
wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn. 7Mo apono, mommuebue
mommuebue, mo tete apono,
na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.