Nnwom 22:4
Psalms 22:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ; wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn.
Psalms 22:4 in English
Psalms 22:4 · Berean Standard Bible
In You our fathers trusted; they trusted and You delivered them.
Context
2Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so,
mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome. 3Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni;
wo na Israel kamfo woɔ. 4Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ;
wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn. 5Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn,
wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ. 6Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa
nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.