Native Bible

Psalms 21:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no.

Psalms 21:2 in English

Psalms 21:2 · Berean Standard Bible

You have granted his heart’s desire and have not withheld the request of his lips. Selah

Context

1Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti! 2Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no. 3Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no. 4Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tentene a ɛnni awieeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.