Nnwom 19:6
Psalms 19:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akɔsi ano; biribiara nhinta ne hyeɛ.
Psalms 19:6 in English
Psalms 19:6 · Berean Standard Bible
it rises at one end of the heavens and runs its circuit to the other; nothing is deprived of its warmth.
Context
4Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa,
wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.
Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia, 5a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,
te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika. 6Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi
na atwa ne ho akɔsi ano;
biribiara nhinta ne hyeɛ. 7Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyane ɔkra no.
Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,
ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa. 8Awurade ahyɛdeɛ tene;
ɛma akoma mu anigyeɛ.
Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;
na ɛbue ani.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.