Nnwom 18:17
Psalms 18:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam, wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.
Psalms 18:17 in English
Psalms 18:17 · Berean Standard Bible
He rescued me from my powerful enemy, from foes too mighty for me.
Context
15Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛ
na asase nnyinasoɔ ho daa hɔ,
ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti,
Ao Awurade. 16Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;
ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu. 17Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam,
wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no. 18Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,
nanso Awurade pagyaa me. 19Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ;
ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.