Native Bible

Psalms 146:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.

Psalms 146:6 in English

Psalms 146:6 · Berean Standard Bible

the Maker of heaven and earth, the sea, and everything in them. He remains faithful forever.

Context

4Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa. 5Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu. 6Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no. 7Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. Awurade gyaa nneduafoɔ, 8Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ. Awurade pagya wɔn a wɔakom. Awurade dɔ teneneefoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.