Native Bible

Psalms 146:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.

Psalms 146:3 in English

Psalms 146:3 · Berean Standard Bible

Put not your trust in princes, in mortal man, who cannot save.

Context

1Monkamfo Awurade. Ao me ɔkra, kamfo Awurade! 2Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa; mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi. 3Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adasamma a wɔrentumi nnye nkwa. 4Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa. 5Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.