Nnwom 145:15
Psalms 145:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.
Psalms 145:15 in English
Psalms 145:15 · Berean Standard Bible
The eyes of all look to You, and You give them their food in season.
Context
13Wʼahennie yɛ daa ahennie,
na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,
na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. 14Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase
na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. 15Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,
na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu. 16Wobue wo nsam
na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ. 17Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;
na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.