Nnwom 144:3
Psalms 144:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho? Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?
Psalms 144:3 in English
Psalms 144:3 · Berean Standard Bible
O LORD, what is man, that You regard him, the son of man that You think of him?
Context
1Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan,
deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,
na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie. 2Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban,
mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ,
me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu;
ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase. 3Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho?
Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi? 4Onipa te sɛ ahomeɛ;
ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam. 5Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam;
fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.