Nnwom 142:3
Psalms 142:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so.
Psalms 142:3 in English
Psalms 142:3 · Berean Standard Bible
Although my spirit grows faint within me, You know my way. Along the path I travel they have hidden a snare for me.
Context
1Meteam mesu frɛ Awurade;
me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ. 2Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim;
meka me haw kyerɛ no. 3Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a,
ɛyɛ wo na wonim mʼakwan.
Ɛkwan a menam so no
nnipa asum me afidie wɔ so. 4Hwɛ me nifa so na hunu sɛ;
mʼasɛm mfa obiara ho;
menni dwanekɔbea bi;
me nkwa mfa obiara ho. 5Ao Awurade, mesu mefrɛ wo;
mese, “Wone me dwanekɔbea,
me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.