Native Bible

Psalms 14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 14
1Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. 2Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. 3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ. 4Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Awurade? 5Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu. 6Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea. 7Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.