Nnwom 138:7
Psalms 138:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, nanso wobɔ me nkwa ho ban; wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa.
Psalms 138:7 in English
Psalms 138:7 · Berean Standard Bible
If I walk in the midst of trouble, You preserve me from the anger of my foes; You extend Your hand, and Your right hand saves me.
Context
5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,
na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ. 6Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,
na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri. 7Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ,
nanso wobɔ me nkwa ho ban;
wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so,
na wode wo nsa nifa gye me nkwa. 8Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;
Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa,
nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.