Native Bible

Psalms 137:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,

Psalms 137:2 in English

Psalms 137:2 · Berean Standard Bible

There on the willows * we hung our harps,

Context

1Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ ɛberɛ a yɛkaee Sion no. 2Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ, 3ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!” 4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.