Native Bible

Psalms 135:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa.

Psalms 135:6 in English

Psalms 135:6 · Berean Standard Bible

The LORD does all that pleases Him in the heavens and on the earth, in the seas and in all their depths.

Context

4Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ, wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. 5Menim sɛ Awurade so; Ɔso sene anyame nyinaa. 6Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa. 7Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osutɔ ho na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu. 8Ɔkumm Misraim mmakan, nnipa ne mmoa mmakan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.