Nnwom 131:2
Psalms 131:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.
Psalms 131:2 in English
Psalms 131:2 · Berean Standard Bible
Surely I have stilled and quieted my soul; like a weaned child with his mother, like a weaned child is my soul within me.
Context
1Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu,
na mʼani ntraa ntɔn;
memma nsɛm akɛseɛ nha me
anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me. 2Na mmom, mama me kra anya abotɔyam
te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no,
te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no,
saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. 3Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,
seesei ne daa nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.