Nnwom 119:86
Psalms 119:86 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ; boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa.
Psalms 119:86 in English
Psalms 119:86 · Berean Standard Bible
All Your commandments are faithful; I am persecuted without cause—help me!
Context
84Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?
Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? 85Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,
a ɛne wo mmara bɔ abira. 86Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;
boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa. 87Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,
nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die. 88Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.