Nnwom 119:172
Psalms 119:172 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene.
Psalms 119:172 in English
Psalms 119:172 · Berean Standard Bible
My tongue sings of Your word, for all Your commandments are righteous.
Context
170Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;
na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 171Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;
ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 172Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,
ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene. 173Yɛ ahoboa bɛboa me,
ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu. 174Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,
na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.