Nnwom 119:117
Psalms 119:117 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
Psalms 119:117 in English
Psalms 119:117 · Berean Standard Bible
Uphold me, and I will be saved, that I may always regard Your statutes.
Context
115Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,
na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so! 116Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;
mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa. 117Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;
na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. 118Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,
na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. 119Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;
enti medɔ wʼahyɛdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.