Native Bible

Psalms 119:115 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so!

Psalms 119:115 in English

Psalms 119:115 · Berean Standard Bible

Depart from me, you evildoers, that I may obey the commandments of my God.

Context

113Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara. 114Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 115Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so! 116Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa. 117Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.