Nnwom 112:7
Psalms 112:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu.
Psalms 112:7 in English
Psalms 112:7 · Berean Standard Bible
He does not fear bad news; his heart is steadfast, trusting in the LORD.
Context
5Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa.
Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. 6Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;
wɔbɛkae onipa tenenee daa. 7Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;
nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu. 8Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro;
awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. 9Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,
ne tenenee wɔ hɔ daa;
wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.