Native Bible

Psalms 109:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ; mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.

Psalms 109:30 in English

Psalms 109:30 · Berean Standard Bible

With my mouth I will thank the LORD profusely; I will praise Him in the presence of many.

Context

28Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira; sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase, nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye. 29Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho; na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ. 30Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ; mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu. 31Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.