Nnwom 109:19
Psalms 109:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho, ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.
Psalms 109:19 in English
Psalms 109:19 · Berean Standard Bible
May it be like a robe wrapped about him, like a belt tied forever around him.
Context
17Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome
enti nnome mmra ne so;
wampɛ sɛ ɔbɛhyira
enti nhyira mmɔ no. 18Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ;
ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo,
ne ne nnompe mu sɛ ngo. 19Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,
ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa. 20Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,
wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no. 21Nanso, wo Ao Asafo Awurade,
wo din enti, wo ne me nni no yie;
firi wʼadɔeɛ mu gye me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.