Native Bible

Psalms 107:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan.

Psalms 107:38 in English

Psalms 107:38 · Berean Standard Bible

He blesses them, and they multiply greatly; He does not let their herds diminish.

Context

36Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe, na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu. 37Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree. 38Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan. 39Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase; 40deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.