Nnwom 106:47
Psalms 106:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam.
Psalms 106:47 in English
Psalms 106:47 · Berean Standard Bible
Save us, O LORD our God, and gather us from the nations, that we may give thanks to Your holy name, that we may glory in Your praise.
Context
45Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no
na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ. 46Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no
nyaa ahummɔborɔ maa wɔn. 47Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn,
na boaboa yɛn ano firi amanaman so,
na yɛada wo din kronkron no ase,
na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam. 48Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.
Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!”
Monkamfo Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.