Native Bible

Psalms 106:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔborɔ maa wɔn.

Psalms 106:46 in English

Psalms 106:46 · Berean Standard Bible

He made them objects of compassion to all who held them captive.

Context

44Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no; 45Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ. 46Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔborɔ maa wɔn. 47Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam. 48Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” Monkamfo Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.