Nnwom 106:27
Psalms 106:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
Psalms 106:27 in English
Psalms 106:27 · Berean Standard Bible
to disperse * their offspring among the nations and scatter them throughout the lands.
Context
25Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu
na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade. 26Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ
ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so, 27ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu
na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so. 28Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho
na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa; 29wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuo
na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.