Native Bible

Psalms 106:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.

Psalms 106:23 in English

Psalms 106:23 · Berean Standard Bible

So He said He would destroy them— had not Moses His chosen one stood before Him in the breach to divert His wrath from destroying them.

Context

21Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa, deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no, 22nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no. 23Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn. 24Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; na wɔannye ne bɔhyɛ anni. 25Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.