Nnwom 104:32
Psalms 104:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba.
Psalms 104:32 in English
Psalms 104:32 · Berean Standard Bible
He looks on the earth, and it trembles; He touches the mountains, and they smolder.
Context
30Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a
na wɔabɔ wɔn,
na woyɛ asase ani foforɔ. 31Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa;
ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho, 32deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,
na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba. 33Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn. 34Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani
ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.