Native Bible

Psalms 102:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mfa wʼanim nhinta me ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.

Psalms 102:2 in English

Psalms 102:2 · Berean Standard Bible

Do not hide Your face from me in my day of distress. Incline Your ear to me; answer me quickly when I call.

Context

1Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ; na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim. 2Mfa wʼanim nhinta me ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm. 3Me nkwa nna reyera te sɛ wisie; me nnompe hyehye te sɛ egya. 4Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ; na me kɔn nnɔ aduane.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.