Native Bible

Psalms 10:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.

Psalms 10:2 in English

Psalms 10:2 · Berean Standard Bible

In pride the wicked pursue the needy; let them be caught in the schemes they devise.

Context

1Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa? Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi? 2Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn. 3Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi. 4Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade; na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.