Native Bible

Psalms 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ; frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa, amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.

Psalms 10:15 in English

Psalms 10:15 · Berean Standard Bible

Break the arm of the wicked and evildoer; call him to account for his wickedness until none is left to be found.

Context

13Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi? Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Ɔremfrɛ me akontabuo so?” 14Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ. 15Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ; frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa, amumuyɛ a anka wɔrenhunu no. 16Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so. 17Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.