Mmɛbusɛm 9:10
Proverbs 9:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.
Proverbs 9:10 in English
Proverbs 9:10 · Berean Standard Bible
The fear of the LORD is the beginning of wisdom, and knowledge of the Holy One is understanding.
Context
8Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;
ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo. 9Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;
kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho. 10Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ
Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ. 11Me mu na wo nna bɛdɔɔso,
na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho. 12Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;
sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.