Mmɛbusɛm 8:34
Proverbs 8:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira ne onipa a ɔtie me, ɔwɛn mʼaboboano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.
Proverbs 8:34 in English
Proverbs 8:34 · Berean Standard Bible
Blessed is the man who listens to me, watching daily at my doors, waiting at the posts of my doorway.
Context
32“Enti me mma, montie me;
nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so. 33Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;
mommu mo ani nngu so. 34Nhyira ne onipa a ɔtie me,
ɔwɛn mʼaboboano daa,
na ɔtwɛn wɔ hɔ. 35Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa
na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn. 36Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho
na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.