Mmɛbusɛm 8:26
Proverbs 8:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.
Proverbs 8:26 in English
Proverbs 8:26 · Berean Standard Bible
before He made the land or fields, or any of the dust of the earth.
Context
24Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no
ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no; 25ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,
wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba, 26ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo
anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ. 27Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro,
ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no, 28ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro
na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.