Mmɛbusɛm 6:25
Proverbs 6:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,
Proverbs 6:25 in English
Proverbs 6:25 · Berean Standard Bible
Do not lust in your heart for her beauty or let her captivate you with her eyes.*
Context
23Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;
saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,
na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi
yɛ nkwa kwan, 24ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho,
firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho. 25Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ
mma nʼani akyideda no ntwetwe wo, 26ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo,
na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu. 27Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a
ɛnhye nʼatadeɛ anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.