Mmɛbusɛm 5:15
Proverbs 5:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu, nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.
Proverbs 5:15 in English
Proverbs 5:15 · Berean Standard Bible
Drink water from your own cistern, and running water from your own well.
Context
13Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ
na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm. 14Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa
wɔ asafo no nyinaa mu.” 15Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu,
nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu. 16Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so
na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa? 17Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,
a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.